Philippians 2

Kristo ahobrɛase

1Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ kyekye mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho anaa? 2Sɛ ɛte saa de a, ɛnne munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu na mʼanigye awie pɛyɛ.

3Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. 4Mommma obiara nnnwen ne nko ara nʼade ho na mmom, onnwen nʼafɛfo nso de ho bi.

5Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi. 6Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de, nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. 7Ɔdanee ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn. Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, bae sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa. 8Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ osetie, de koduu owu mu, asɛnnua ho wu mu mpo.

9Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ beae a ɛkorɔn koraa, maa no din a edi din nyinaa so. 10Na ɛno nti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no. 11Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Nkwagye ho adwumayɛ

12Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi, ɛsɛ sɛ mutie me ara nen. Monkɔ so mfa ahopopo ne suro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ, 13efisɛ, Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.

14Dwuma biara a mubedi no, munnnwiinwii na munnnye ho akyinnye 15sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnka biribi ntia mo na mobɛyɛ kronn sɛ Onyankopɔn mma pa a wɔte wiase a nkontonpofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ ma tɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro 16wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo Da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara nen, efisɛ, ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ kwa. 17Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde ne ɔsom a efi mo gyidi mu. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm na me ne mo nyinaa na enya saa ahosɛpɛw no. 18Saa kwan koro no ara so na ɛsɛ sɛ mo nso mo ani gye na mo ne me nya ahosɛpɛw.

Wɔsoma Timoteo ne Epafrodito

19Anidaso a mewɔ Awurade Yesu mu no nti, metumi asoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. 20Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. 21Mo mu biara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho. 22Mo ankasa mudi ho adanse sɛ, wakyerɛ mu a odi; wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abom adi Asɛmpa no ho dwuma. 23Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no wɔ mo nkyɛn. 24Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.

25Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na wadi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn. 26Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw no nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. 27Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ, wamma manni awerɛhow.

28Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye bio na me nso mʼawerɛhow to atwa. 29Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, 30efisɛ, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.

Copyright information for TwiNAK